Back to Memeneda Akwanhwefo Nnwom List Memeneda Akwanhwefo Nnwom #310

Hymn 310 Metwiw Abɛn Yesu Nkyɛn Yie

[V1]
Metwiw abɛn Yesu nkyɛn yie,
Na matra N'anim hɔ daa;
Atra Ne nkyɛn dwoodwoo komm.

[V2]

Metwiw abɛn Yesu nkyɛn yie,
Meremfa hwee nkame No;
ɔpɛ sɛ ɔyɛ domfo nti,
Metwiw abɛn Ne nkyɛn yie.

[V3]

Metwiw abɛn Yesu nkyɛn yie,
ɔmmoam' ma minni nokwar';
Mɛda Ne papayɛ adi,
Mɛyɛ Ne pɛ ɔdɛw so.

310. Metwiw Abɛn Yesu Nkyɛn Yie

Link copied to clipboard successfully!