Back to Memeneda Akwanhwefo Nnwom List
Memeneda Akwanhwefo Nnwom #303
Hymn 303 Yesu 'Sɛnnuan' Ase Na
[V1]
Yesu 'sɛnnuan' ase na
Mapaw sɛ megyina;
Botan kɛse a ne sunsum
Tɔ ɔbrɛ 'sase so;
Ͻyɛ fie a ɛwɔ sar' so,
ɔkwan mu ɔhome
Ma owigyinae mu hyew ne
Da mu adesoa no.
Yesu 'sɛnnuan' ase na
Mapaw sɛ megyina;
Botan kɛse a ne sunsum
Tɔ ɔbrɛ 'sase so;
Ͻyɛ fie a ɛwɔ sar' so,
ɔkwan mu ɔhome
Ma owigyinae mu hyew ne
Da mu adesoa no.
[V2]
Yesu 'sɛnnua no so na
M'aniwa tumi hu
Nea me nti Ohuu amane
De wui no ankasa;
Mifi koma a abubum'
Sua 'nwanwade mmienu,
Anwanwa dɔ a ɛgye nkwa,
Ne fatá a memfata.
Yesu 'sɛnnua no so na
M'aniwa tumi hu
Nea me nti Ohuu amane
De wui no ankasa;
Mifi koma a abubum'
Sua 'nwanwade mmienu,
Anwanwa dɔ a ɛgye nkwa,
Ne fatá a memfata.
[V3]
Mede 'sɛnnuan' nwin' ase
Bɛyɛ me trabea daa;
Menhwehwɛ hann fof'ro biara
Ka N'anim hann no ho;
Ma wiase yi ntwa me ho nkɔ,
Minhia mu b'ribiara,
Me nipasu ne m'aniwu,
'Sɛnnuan' ne m'anuonyam.
Mede 'sɛnnuan' nwin' ase
Bɛyɛ me trabea daa;
Menhwehwɛ hann fof'ro biara
Ka N'anim hann no ho;
Ma wiase yi ntwa me ho nkɔ,
Minhia mu b'ribiara,
Me nipasu ne m'aniwu,
'Sɛnnuan' ne m'anuonyam.