Back to Memeneda Akwanhwefo Nnwom List
Memeneda Akwanhwefo Nnwom #292
Hymn 292 Yesu Maba
[V1]
Mifi nkoasom mu, yaw ne sum mu,
Yesu maba, Yesu maba;
W'ahofadim', hann ne ahotɔm',
Yesu, maba Wo nkyɛn.
Mifi yarem' ba W'ahoɔden mu,
Mifi ohiam' ba W'ahonya mu;
Mifi me bɔnem' maba Wo nkyɛn,
Yesu, maba Wo nkyɛn.
Mifi nkoasom mu, yaw ne sum mu,
Yesu maba, Yesu maba;
W'ahofadim', hann ne ahotɔm',
Yesu, maba Wo nkyɛn.
Mifi yarem' ba W'ahoɔden mu,
Mifi ohiam' ba W'ahonya mu;
Mifi me bɔnem' maba Wo nkyɛn,
Yesu, maba Wo nkyɛn.
[V2]
Mifi yera ne aniwu mu,
Yesu maba, Yesu maba;
W'asɛnnua ho anuonyam no mu,
Yesu, maba Wo nkyɛn.
Mifi ha yaw mu ba W'ahotɔm',
Mifi ahum mu ba Wo nkyɛn dwoo.
Ahohiam ba anigye nnwom mu,
Yesu, maba Wo nkyɛn.
Mifi yera ne aniwu mu,
Yesu maba, Yesu maba;
W'asɛnnua ho anuonyam no mu,
Yesu, maba Wo nkyɛn.
Mifi ha yaw mu ba W'ahotɔm',
Mifi ahum mu ba Wo nkyɛn dwoo.
Ahohiam ba anigye nnwom mu,
Yesu, maba Wo nkyɛn.
[V3]
Mifi ɔbrɛ ne ahantan mu,
Yesu maba, Yesu maba;
Merebɛtra Wo pɛ pa no mu,
Yesu, maba Wo nkyɛn.
Mifi me mu ba Wo dɔ no mu,
Mifi 'basamtum' ba s'ro 'nigyem'.
Mitu ba s'ro te sɛ 'b'rɔnoma,
Yesu, maba Wo nkyɛn.
Mifi ɔbrɛ ne ahantan mu,
Yesu maba, Yesu maba;
Merebɛtra Wo pɛ pa no mu,
Yesu, maba Wo nkyɛn.
Mifi me mu ba Wo dɔ no mu,
Mifi 'basamtum' ba s'ro 'nigyem'.
Mitu ba s'ro te sɛ 'b'rɔnoma,
Yesu, maba Wo nkyɛn.
[V4]
Mifi damoam', ehu ne surom',
Yesu maba, Yesu maba;
Wo fie anigye ne hann no mu,
Yesu, maba Wo nkyɛn;
Mifi ɔsɛe a enni kabeam',
Na maba W'asomdwoe ban no mu;
Mɛhwɛ W'anuonyam anim no daa,
Yesu, maba Wo nkyɛn.
Mifi damoam', ehu ne surom',
Yesu maba, Yesu maba;
Wo fie anigye ne hann no mu,
Yesu, maba Wo nkyɛn;
Mifi ɔsɛe a enni kabeam',
Na maba W'asomdwoe ban no mu;
Mɛhwɛ W'anuonyam anim no daa,
Yesu, maba Wo nkyɛn.