Back to Memeneda Akwanhwefo Nnwom List Memeneda Akwanhwefo Nnwom #277

Hymn 277 Wo Nwoma Pa Kronkron No Ho

[V1]
Wo nwoma pa kronkron no ho,
Wɔn a wɔsom Wo yie ny'naa
Wɔ aky'rɛw, banbɔ ne nky'rɛasem'
Sɛnea emu nsɛm bɛka.
'Dɔ kɛse a Wowɔ ma
Wo mma nti, yɛda W'ase.

[V2]

Wo nwoma pa kronkron no ho,
Wɔn a wɔsom Wo nnɛ yi;
Sɛnea 'kra a wɔwɔ mmaa ny'naa
Bɛkenkan adi akyi,
Ahu dɔ a Wowɔ ma
Wo mma nti, yɛda W'ase.

[V3]

Wo nwoma pan' ho, 'seda nka W',
Ma 'mu nsɛm nyɛ yɛn kwanky'rɛ,
Na ma yennya mm'ra horow a
Ͻwɔ mu no mu ntease;
Ne Wo dɔ ne Wo tema
A Wowɔ ma akra ny'naa.

[V4]

Wo Ky'rɛwsɛm nti yɛda W'ase;
Ma mu nsɛm a 'wɔ komam',
Mma yenhu wɔ Yesu m' seesei
'Dom a W'asɛm de ma ny'naa,
Ne Wo dɔ ne Wo tema
A Wowɔ ma Wo mma ny'naa.

277. Wo Nwoma Pa Kronkron No Ho

Link copied to clipboard successfully!