Back to Memeneda Akwanhwefo Nnwom List Memeneda Akwanhwefo Nnwom #268

Hymn 268 Honhom Kronkron, ɔs'ro Hann

[V1]
Honhom Kronkron, ɔs'ro hann
Hyerɛn wɔ me koma mu;
Pam anadwo sum f'ri hɔ,
Na ma me sum no nnan hann.

[V2]

Honhom Kronkron, s'ro tumi,
Tew me koma bɔn' yi ho;
Bɔn' adi mu hen' akyɛ,
Na ayɛ me kra akoa.

[V3]

Honhom Kronkron, ɔs'ro dɛw,
Yi 'w'rɛhow fi m'akomam';
Yi me mmusu ny'naa fi hɔ,
Na sa me koma yare.

[V4]

Honhom Kronkron, s'ro honhom,
Bɛtra me koma yi mu;
Pam mu amane nyinaa
Na Wo nkutoo di mu hen'.

268. Honhom Kronkron, ɔs'ro Hann

Link copied to clipboard successfully!