Back to Memeneda Akwanhwefo Nnwom List
Memeneda Akwanhwefo Nnwom #261
Hymn 261 A W'rade Honhom Yii Ne Pɛ
[V1]
Aw'rade Honhom yii ne pɛ
Ky'rɛɛ tete 'hotefo;
Buee wɔn 'koma ne wɔn ano
Ma wɔkaa N'anuonyam,
Wofi aw'rɛhow sum no mu
Kaa Asɛm no kyerɛe,
Na hann a na ɛrepue nom,
Wɔkaa 'W'rade mmae no.
Aw'rade Honhom yii ne pɛ
Ky'rɛɛ tete 'hotefo;
Buee wɔn 'koma ne wɔn ano
Ma wɔkaa N'anuonyam,
Wofi aw'rɛhow sum no mu
Kaa Asɛm no kyerɛe,
Na hann a na ɛrepue nom,
Wɔkaa 'W'rade mmae no.
[V2]
Ad'yifo no kɔ akyi no,
Asɛm a ɛbɛyɛɛ
'Nipa no bae, nea ad'yifo
Dii Ne ho 'danse no.
Oyii hann a ɛkyɛn sō adi,
Nea ɔyɛ hann mu Hann;
ɔbɛyɛɛ nipa sɛ yɛn no,
Oyii Agya no ky'rɛe.
Ad'yifo no kɔ akyi no,
Asɛm a ɛbɛyɛɛ
'Nipa no bae, nea ad'yifo
Dii Ne ho 'danse no.
Oyii hann a ɛkyɛn sō adi,
Nea ɔyɛ hann mu Hann;
ɔbɛyɛɛ nipa sɛ yɛn no,
Oyii Agya no ky'rɛe.
[V3]
Daa Honhom a Wokasa ky'rɛ
Adwen ne ahonim,
Sɛnea nnɛ yi yɛbɛhwehwɛ
Ayɛ Agya no pɛ;
Fa nkwasɛm, Kristo no, brɛ yɛn,
Nea ɔyɛ nkwa kwan no;
Ma yɛn ahobrɛase koma,
Ma yɛmfa nyɛ setie.
Daa Honhom a Wokasa ky'rɛ
Adwen ne ahonim,
Sɛnea nnɛ yi yɛbɛhwehwɛ
Ayɛ Agya no pɛ;
Fa nkwasɛm, Kristo no, brɛ yɛn,
Nea ɔyɛ nkwa kwan no;
Ma yɛn ahobrɛase koma,
Ma yɛmfa nyɛ setie.