Back to Memeneda Akwanhwefo Nnwom List
Memeneda Akwanhwefo Nnwom #257
Hymn 257 Sian Bra, O ɔs'ro Dɔ,
[V1]
Sian bra, O ɔs'ro Dɔ, Bɛhwehwɛ me kra yi,
Na fa Wo gya no hyɛ mu ma ɛnnɛre;
'Kyigyinafo, twiw bɛn, Bɛhyɛn' me koma mu,
Na fa Wo gya kronkron no bɛkanyan no.
Sian bra, O ɔs'ro Dɔ, Bɛhwehwɛ me kra yi,
Na fa Wo gya no hyɛ mu ma ɛnnɛre;
'Kyigyinafo, twiw bɛn, Bɛhyɛn' me koma mu,
Na fa Wo gya kronkron no bɛkanyan no.
[V2]
Ma ɛnnɛre kosi Sɛ akɔnnɔ nyinaa
Bɛhyew ayɛ nso wɔ gyaframa no mu.
Ma W'anuonyam hann no
Nhyerɛn daa wɔ m'anim;
Na twa me ho hyia b're a me kwan so hy'rɛn.
Ma ɛnnɛre kosi Sɛ akɔnnɔ nyinaa
Bɛhyew ayɛ nso wɔ gyaframa no mu.
Ma W'anuonyam hann no
Nhyerɛn daa wɔ m'anim;
Na twa me ho hyia b're a me kwan so hy'rɛn.
[V3]
Ma ayamye kronkron Nyɛ nkataho mma me,
Na ɔdwo nso nyɛ me mu adurade;
Komam ɔdwo 'mapa, A efi hobrɛasem
Mmɛhyɛ me mu na menky'ri bɔne akwan.
Ma ayamye kronkron Nyɛ nkataho mma me,
Na ɔdwo nso nyɛ me mu adurade;
Komam ɔdwo 'mapa, A efi hobrɛasem
Mmɛhyɛ me mu na menky'ri bɔne akwan.
[V4]
Enti nea mehwehwɛ Na me kra kɔn dɔ yie
Bɛkyɛn nea nnipa ano tumi ka ny'naa;
Adwen' ntum' nhu Ne dom Kosi sɛ 'hɔ bɛyɛ
Honhom Kronkron no ankasa trabea pa.
Enti nea mehwehwɛ Na me kra kɔn dɔ yie
Bɛkyɛn nea nnipa ano tumi ka ny'naa;
Adwen' ntum' nhu Ne dom Kosi sɛ 'hɔ bɛyɛ
Honhom Kronkron no ankasa trabea pa.