Back to Memeneda Akwanhwefo Nnwom List
Memeneda Akwanhwefo Nnwom #254
Hymn 254 Oduyɛfo Kɛse N' Abɛn
[V1]
Oduyɛfo kɛse n'abɛn,
ɔne timmɔb'rɔ Yesu;
ɔkasa ma koma tɔ yam,
O dɔfo tie Yesu nne!
**Nnyeso**
Dwom a ɛyɛ dɛ wɔ s'ro,
Din a ɛyɛ dɛ wɔ ha,
'Nigye dwom a wɔato pɛnɔ
Yesu, hy'rafo Yesu.!
Oduyɛfo kɛse n'abɛn,
ɔne timmɔb'rɔ Yesu;
ɔkasa ma koma tɔ yam,
O dɔfo tie Yesu nne!
**Nnyeso**
Dwom a ɛyɛ dɛ wɔ s'ro,
Din a ɛyɛ dɛ wɔ ha,
'Nigye dwom a wɔato pɛnɔ
Yesu, hy'rafo Yesu.!
[V3]
'Nuonyam nka Guamma a ɔrewu n'
Ͻnnɛ megye Yesu di;
Medɔ Agyenkwa pa no din,
Medɔ me Yesu din no.
'Nuonyam nka Guamma a ɔrewu n'
Ͻnnɛ megye Yesu di;
Medɔ Agyenkwa pa no din,
Medɔ me Yesu din no.
[V4]
Ne din pam m'afobu ne hu;
Din bi nte sɛ Yesu de;
O me kra kɔn dɔ sɛ ɛte
Yesu din a ɛsom bon'.
Ne din pam m'afobu ne hu;
Din bi nte sɛ Yesu de;
O me kra kɔn dɔ sɛ ɛte
Yesu din a ɛsom bon'.
[V5]
Da a ɔde 'henkyɛw bɛba,
'Nuonyam ne nkwa 'henkyɛw no;
Da no yɛbɛtratra Ne nkyɛn,
Aka yɛn nkwagye ho nsɛm.
Da a ɔde 'henkyɛw bɛba,
'Nuonyam ne nkwa 'henkyɛw no;
Da no yɛbɛtratra Ne nkyɛn,
Aka yɛn nkwagye ho nsɛm.