Back to Memeneda Akwanhwefo Nnwom List Memeneda Akwanhwefo Nnwom #252

Hymn 252 Mommra Mma Yɛnto Nnwom

[V1]
Mommra mma yɛnto nnwom mu dwom,
Nea abɔfo dii kan toe no;
'Nidi a ɛwɔ Kristo nko,
'Guammaá a wokum No no fata'.

[V2]

Owui de Ne mogya tɔɔ yɛn,
De tew yɛn ho fii bɔne ho;
Wayɛ yɛn ahen' ne 'sɔfo,
'Guammaá a wokum No no fata'.

[V3]

Nea Ohuu amane dua so,
Na ɔde Ne nkwa tɔɔ yɛn kra;
Nhyira ne anuonyam nka No,
'Guammaá a wokum No no fata'.

[V4]

Nea ɔte N'Agya 'hengua so,
S'ro ne fam tumi ny'naa ka sɛ,
'Nidi, tumidi ny'naa wɔ No,
'Guammaá a wokum No no fata'.

[V5]

B'rč a yɛte ase kosi 'wum,
B'rč a yɛne No bedi hen s'ro,
Nnwom mu dwom a yɛbɛto ni:
'Guammaá a wokum No no fata'.

252. Mommra Mma Yɛnto Nnwom

Link copied to clipboard successfully!