Back to Memeneda Akwanhwefo Nnwom List Memeneda Akwanhwefo Nnwom #244

Hymn 244 Yesu Ho Dwom Na Mɛto

[V1]
Yesu ho dwom na mɛto,
N'adɔe wɔ me so daa;
Ne nhy'ra hyɛ me k'ruwa ma,
Ma meto N'ayeyi;
Yesu ho dwom na mɛto,
Nyame dehye 'Guammaa;
ɔde Ne ho ma gyee me,
De Ne mogya tɔɔ me.

[V2]

Yesu ho dwom na mɛto
Wɔ Ne nan ase hɔ;
Mekae Ne papayɛ no,
Ma m'anigye di mu;
Yesu ho dwom na mɛto,
Wɔ ɔhaw biara mu;
Mɛto 'dom a ɛgye me,
Di nkonim no ho dwom.

[V3]

Yesu ho dwom na mɛto,
B'rč a mitu me kwan kɔ
M'anuonyam fie a ɛhy'rɛn,
Wɔ daa 'dekyee hann mu:
Na sɛ me kra hyɛne s'ro
ɔman fɛfɛ no mu á,
Mɛto ayeyi dwom daa
Ama Yesu wɔ hɔ.

244. Yesu Ho Dwom Na Mɛto

Link copied to clipboard successfully!