Back to Memeneda Akwanhwefo Nnwom List
Memeneda Akwanhwefo Nnwom #238
Hymn 238 Yesu Din Yɛ Dɛ Dɛn Ara
[V1]
Yesu din Yɛ dɛ dɛn ara
Wɔ gyidini asom;
Edwudwo ne yaw sa n'ak'ru
Na etu ne suro.
Yesu din Yɛ dɛ dɛn ara
Wɔ gyidini asom;
Edwudwo ne yaw sa n'ak'ru
Na etu ne suro.
[V2]
Ͻma pirafo ho yɛ den,
Ͻma koma tɔ yam;
Ͻyɛ mana a ɛyɛn kra,
Ͻma brɛfo home.
Ͻma pirafo ho yɛ den,
Ͻma koma tɔ yam;
Ͻyɛ mana a ɛyɛn kra,
Ͻma brɛfo home.
[V3]
Din pa, 'botan a meto so,
Me guankɔbea ne kyɛm,
ɔdom ahyɛ m'akorade
A ɛnwe da no ma!
Din pa, 'botan a meto so,
Me guankɔbea ne kyɛm,
ɔdom ahyɛ m'akorade
A ɛnwe da no ma!
[V4]
Yesu me Hwɛfo ne Yɔnko
Me Sɔfo ne Hene;
Me Wura ne me nkwa, me kwan
Gye me nsam ayeyi.
Yesu me Hwɛfo ne Yɔnko
Me Sɔfo ne Hene;
Me Wura ne me nkwa, me kwan
Gye me nsam ayeyi.
[V5]
Me komam' mmɔden no mm'rɛw,
Na m'adwen nso yɛ nyaa;
Na mihu sɛnea Wote a,
Meyi W'ayɛ ampa.
Me komam' mmɔden no mm'rɛw,
Na m'adwen nso yɛ nyaa;
Na mihu sɛnea Wote a,
Meyi W'ayɛ ampa.