Back to Memeneda Akwanhwefo Nnwom List Memeneda Akwanhwefo Nnwom #219

Hymn 219 Yesu Ba 'Nuonyam Mu Sɛ

[V1]
'W'ra ne ahen mu Hen',
O hwɛ anwanwasɛm a
Kyerɛw Kronkron no ka;
N'anim bɛhy'rɛn sɛ owia
Ne t'ri so yɛ fitaa;
N'ani hy'rɛn sɛ 'gyaframa,
Ne nan te sɛ kɔɔb're.

Ne nne sɛ nsubɔnten no
Begyigye dennennen,
Akodu ɛpo bun mu
Aky'rɛ abɔde ny'naa;
Saa nteam nwanwa yi mu no,
Kristom 'wufo benyan
Akohyia wɔn Agyenkwa
Wɔ wim, anuonyam mu.

Na yɛn a yɛwɔ gyidi
N'ahoyi dɔ mu no
Behu sɛ yɛanya Ne s'ro
Anuonyam pa no bi;
Ne wusɔre tumi no
Benyan yɛn akɔ nea
Saa dɔnhw're nwanwa no mu
Yebehu N'anim no.

O ma Wo mmae no nyɛ ntɛm,
Wo Adekyee Ns'romma!
Awurade, ma yɛnte
T'robɛnto nne aky'ri;
Wo nk'rɔfo hwɛ Wo kwan sɛ
Yɛbɛyɛ W'ayef'ro;
Na brč a Wobɛba bio no,
Yɛaf'ro aba Wo nkyɛn.

219. Yesu Ba 'Nuonyam Mu Sɛ

Link copied to clipboard successfully!