Back to Memeneda Akwanhwefo Nnwom List
Memeneda Akwanhwefo Nnwom #204
Hymn 204 Bra, Yesu a Yɛatwɛn Wō Abrɛ
[V1]
Bra, Yesu a yɛatwɛn wō abrɛ,
Wobɛmaa yɛn faw'hodi;
Gye yɛn fi bɔne sųro mu,
Ma yennya home Wo mu;
Israel 'hoɔden ne w'rɛkyekye,
Wone wiase 'nidaso;
ɔman biara Ahwehwɛde
Koma biara Anigye.
Bra, Yesu a yɛatwɛn wō abrɛ,
Wobɛmaa yɛn faw'hodi;
Gye yɛn fi bɔne sųro mu,
Ma yennya home Wo mu;
Israel 'hoɔden ne w'rɛkyekye,
Wone wiase 'nidaso;
ɔman biara Ahwehwɛde
Koma biara Anigye.
[V2]
Wɔwoo Wo sɛ Wo man Gyefo,
Wɔwoo Wo sɛ ɔhene,
Sɛnea Wubedi yɛn mu Hen'
Ma Wo dom 'henni no mmra;
Fa Wo daa Honhom no so bra
Bedi yɛn koma mu Hen';
Fa Wo trenee no ma yɛn so
Kɔ W'anuonyam 'hengua so.
Wɔwoo Wo sɛ Wo man Gyefo,
Wɔwoo Wo sɛ ɔhene,
Sɛnea Wubedi yɛn mu Hen'
Ma Wo dom 'henni no mmra;
Fa Wo daa Honhom no so bra
Bedi yɛn koma mu Hen';
Fa Wo trenee no ma yɛn so
Kɔ W'anuonyam 'hengua so.