Back to Memeneda Akwanhwefo Nnwom List Memeneda Akwanhwefo Nnwom #191

Hymn 191 S'ro Dɔ a Ͻsen Dɔ Nyinaa

[V1]
S'ro dɔ a ɛsen dɔ nyinaa,
S'ro 'nigye, sian bra fam ha;
Bra bɛtra yɛn mu sɛ Wo fi,
Na ky'rɛ W'adɔe wɔ yɛn so;
Yesu, Woyɛ mmɔb'rɔhun'fo,
Woyɛ dɔ kronkron ampa;
Fa Wo nkwagye no bra yɛn so,
Hyɛn' koma brɛfo biaram'.

[V2]

Home Wo dɔ Honhom no gu
Koma a abrɛ biaram';
Ma yɛn nyinaa nnya mfi Wo nkyɛn,
Wo bɔhyɛ home pa no;
Yi yɛn bɔne su nyinaa hɔ,
Wone Alfa, Omega;
Gyidi farebae ne wiefo,
Ma yɛn koma faw'hodi.

[V3]

Tweaduampɔn, bra na bɛgye yɛn,
Na ma yɛn nsa nka Wo dom;
Sian bra bɛtra yɛn mu na mfi
W'asɔr'fie yi mu nkɔ da;
Yebehy'ra Wo din no daa daa,
Asom Wo sɛ s'ro dɔm no;
Abɔ mpae akamfo Wo daa,
Adi Wo dɔ mu 'h'rusi.

[V4]

Wie W'abɔde foforo no,
Yɛ yɛn kronn a nkekae nnim',
Ma Wo nɔkwagye kɛse no
Nna adi yie wɔ yɛn mu,
Fi 'nuonyam mu kɔ 'nuonyam mu,
Kosi sɛ yebedu s'ro
De yɛn ahenkyɛw no agu
Wo nan asč akamfo Wo.

191. S'ro Dɔ a Ͻsen Dɔ Nyinaa

Link copied to clipboard successfully!