Back to Memeneda Akwanhwefo Nnwom List Memeneda Akwanhwefo Nnwom #179

Hymn 179 Nkwagye Dɔ Anwanwasɛm No

[V1]
Nkwagye dɔ anwanwasɛm no
B'ro yɛn adwen ny'naa so;
Nyame Ba no fi s'ro behwiee
Ne mogya maa nnipa.

[V2]

ɔde Ne nkwa ne b'ribiara
Maa sɛ afɔr' kronkron;
ɔnom k'ruwa nwenwen ano,
Nnipa nti na Owui.

[V3]

ɔde Ne mogya di ma yɛn
Wɔ N'Agya anim hɔ;
Ne dɔ da so di ma wɔn a
Wɔhwehwɛ dom aguan'.

[V4]

Onim yɛn mmerɛwyɛ nyinaa
'Fisɛ Wasoa yɛn haw;
Yɛn Sɔfo Panyin faa haw mu,
Obetum' agye yɛn.

[V5]

Ne dɔ ntumi nnya ɔpene,
Gye sɛ 'nuonyam mu no,
Ohu 'gyidifō a Obewu
Maa wonyaa nkwa no.

179. Nkwagye Dɔ Anwanwasɛm No

Link copied to clipboard successfully!