Back to Memeneda Akwanhwefo Nnwom List
Memeneda Akwanhwefo Nnwom #175
Hymn 175 'Duaba a Woduae Ayi 'Habammono
[V1]
'Duaba a woduae ayi 'habammono,
Nea ahyɛ asase mu nna pii no,
ɔdɔ anyan bio, Nea ɔfraa 'wufom'
ɔdɔ apue sɛnea 'duaba fifi no.
'Duaba a woduae ayi 'habammono,
Nea ahyɛ asase mu nna pii no,
ɔdɔ anyan bio, Nea ɔfraa 'wufom'
ɔdɔ apue sɛnea 'duaba fifi no.
[V2]
Wɔde nitan kum No siee No damoa mu
Susuu sɛ ɔrentumi nsɔre bio.
ɔhyɛɛ dɔtem' sɛ duaba a wonhu;
ɔdɔ apue sɛnea 'duaba fifi no.
Wɔde nitan kum No siee No damoa mu
Susuu sɛ ɔrentumi nsɔre bio.
ɔhyɛɛ dɔtem' sɛ duaba a wonhu;
ɔdɔ apue sɛnea 'duaba fifi no.
[V3]
ɔsɔree nkonim mu sɛ duaba repue,
Nea Odii nnansa wɔ damoa mu no;
Me W'ra teasefo no nyan fii 'wo mu;
ɔdɔ apue sɛnea 'duaba fifi no.
ɔsɔree nkonim mu sɛ duaba repue,
Nea Odii nnansa wɔ damoa mu no;
Me W'ra teasefo no nyan fii 'wo mu;
ɔdɔ apue sɛnea 'duaba fifi no.
[V4]
Sɛ yɛn koma si apini di yaw a,
Wo nsa ka yɛn de yɛn ba nkwa mu bio,
Yɛn komá a awu na ada mpan no,
ɔdɔ apue sɛnea 'duaba fifi no.
Sɛ yɛn koma si apini di yaw a,
Wo nsa ka yɛn de yɛn ba nkwa mu bio,
Yɛn komá a awu na ada mpan no,
ɔdɔ apue sɛnea 'duaba fifi no.