Back to Memeneda Akwanhwefo Nnwom List
Memeneda Akwanhwefo Nnwom #173
Hymn 173 Kristofo, Munni Dɛw Nto Dwom!
[V1]
Kristofo, munni dɛw nto dwom!
Afei yɛn Hen' adi nkonim!
Yɛka 'nigyesɛm wiase ny'naa;
Haleluya! Haleluya! Haleluya!
Kristofo, munni dɛw nto dwom!
Afei yɛn Hen' adi nkonim!
Yɛka 'nigyesɛm wiase ny'naa;
Haleluya! Haleluya! Haleluya!
[V2]
Nɔkwa Wura no asɔre,
Momfa dwom mpete Ne kwan mu;
Ma amansan nni dɛw nka sɛ:
Haleluya! Haleluya! Haleluya!
Nɔkwa Wura no asɔre,
Momfa dwom mpete Ne kwan mu;
Ma amansan nni dɛw nka sɛ:
Haleluya! Haleluya! Haleluya!
[V3]
Yɛto nkonim ho 'yeyi dwom,
Mo dɔ ne nkwa a enwu da;
Yɛma yɛn koma so to dwom:
Haleluya! Haleluya! Haleluya!
Yɛto nkonim ho 'yeyi dwom,
Mo dɔ ne nkwa a enwu da;
Yɛma yɛn koma so to dwom:
Haleluya! Haleluya! Haleluya!
[V4]
Yehy'ra Wo, 'W'ra a Woasɔre,
Yɛde 'nokoro to dwom nnɛ,
Wo wu ne Wo sɔre no ho:
Haleluya! Haleluya! Haleluya!
Yehy'ra Wo, 'W'ra a Woasɔre,
Yɛde 'nokoro to dwom nnɛ,
Wo wu ne Wo sɔre no ho:
Haleluya! Haleluya! Haleluya!