Back to Memeneda Akwanhwefo Nnwom List Memeneda Akwanhwefo Nnwom #165

Hymn 165 Hotefo, Monhwɛ Anuonyam

[V1]
Hotefo, monhwɛ anuonyam!
Mmmɛhwɛ yaw Nipa no;
Wadi nkonim ɔko no mu,
Nkotodwe ny'naa bɛsom No;
Monhyɛ N' 'henkyɛw! MonhyɛN' 'henkyɛw!
Monhyɛ N' 'henkyɛw!
Nkonim 'henkyɛw fata No.
Nkonim 'henkyɛw fata No.

[V2]

'Bɔfo, monhyɛ 'Gyenkwa 'henkyɛw,
Yesu de 'sade pii ba;
Momma No ntra tum' agua so,
B'rč a s'ro gyigye dennen no;
Monhyɛ N' 'henkyɛw! MonhyɛN' 'henkyɛw!
Monhyɛ N' 'henkyɛw!
Monhyɛ 'Gyenkwa hen' mu Hen'.
Monhyɛ 'Gyenkwa hen' mu Hen'.

[V3]

Bɔn'yɛfo de atwetwesi
Bɔɔ 'Gyenkwa no abot'ri;
'Hotefo ne 'bɔfo montwa
Ne ho nhyia nkamfo Ne din;
Monhyɛ N' 'henkyɛw! MonhyɛN' 'henkyɛw!
Monhyɛ N' 'henkyɛw!
Nka Ne nkonimdi no nky'rɛ.
Nka Ne nkonimdi no nky'rɛ.

[V4]

Muntie osebɔ dennen no,
Muntie nkonimdi nnwom no;
Yesu anya 'nuonyam dibea,
'Dɛw a enni kabea ni!
Monhyɛ N' 'henkyɛw! MonhyɛN' 'henkyɛw!
Monhyɛ N' 'henkyɛw!
'Hen' mu Hen', W'ra mu 'W'rade.
'Hen' mu Hen', W'ra mu 'W'rade.

165. Hotefo, Monhwɛ Anuonyam

Link copied to clipboard successfully!