Back to Memeneda Akwanhwefo Nnwom List Memeneda Akwanhwefo Nnwom #157

Hymn 157 Kɔ Getsemane Sum Mu

[V1]
Kɔ Getsemane sum mu,
Mo a tamfo hyɛ mo so;
Monhwɛ mo Gyefo no ko,
Mo ne No nwɛn dɔnhw're k'ro,
Mommfi Ne yawdi no ho.
Munsua Yesu nkyɛn mpaebɔ.

[V2]

Monhwɛ No asennii hɔ,
Wɔ ɔhwe ne fɛwdi mu;
ɔsoaa ne ny'naa ɔdwo mu;
'Dɔ na ɛhyɛɛ Ne kra den;
Munguan yaw ne 'nimguase,
Munsua Ne nkyɛn 'sɛnnua soa.

[V3]

Momfa Kalbre yaw bepɔ,
Monsom wɔ Ne nan ase.
Mohwɛ b're nwanwa no yie
Nyamč afɔrebɔ pa no.
Tie Ne nteam no sɛ: 'Wɔawie!'
Munsua sɛnea Yesu wui.

157. Kɔ Getsemane Sum Mu

Link copied to clipboard successfully!