Back to Memeneda Akwanhwefo Nnwom List Memeneda Akwanhwefo Nnwom #137

Hymn 137 Yɛn Apuei Ahemfo Baasa

[V1]
Yɛn apuei ahemfo baasa,
Kura 'kyɛde fi aky'riky'ri;
Yɛatra mfu, nsu, sare, mmepɔ,
Di ns'romma bi akyi.

**Nnyeso**
O 'nadwo ns'romma nwanwafo,
Nea 'kura 'dehye 'hoɔfɛ,
Wudi yɛn anim kɔ atɔe
Gyaw yɛn kɔ Wo hann pa ho.

[V2]

Wɔawo Hen' Betlehem sar' so,
MerebɛhyɛN' sika 'henkyɛw;
ɔbɛyɛ ɔhen' afebɔɔ
Adi yɛn nyinaa so.

[V3]

Mede aduhuam rebɛma,
Aduhuam wɔ ɔs'roni no;
Nnipa bɔ mpae to ayeyi,
Som ɔs'ro Nyankopɔn.

[V4]

K'rɔbɔ yɛ me de, ne hua ky'rɛ
Aw'rɛhowdi a ɛreba:
'W'rɛhow, yaw, mogyatu, owu,
ɔda ɔbodan mu.

[V5]

Monhwɛ sɛ Wasɔr' 'nuonyam mu,
ɔhen', Nyame, afɔrebɔ;
Haleluya, Haleluya
Gyigye fam ha ne s'ro!

137. Yɛn Apuei Ahemfo Baasa

Link copied to clipboard successfully!