Back to Memeneda Akwanhwefo Nnwom List
Memeneda Akwanhwefo Nnwom #126
Hymn 126 Awɔb're No Mfimfin'
[V1]
Awɔb're no mfimfin', Mframa nwin'nwin' bɔe
Fam yɛɛ den sɛ dade, Nsu yɛɛ den sɛ bo;
Sukɔtweaa tɔɔ kɛse, Ͻtɔɔ kɛse gui,
Awɔb're no mfimfin' Tete b'rem'
Awɔb're no mfimfin', Mframa nwin'nwin' bɔe
Fam yɛɛ den sɛ dade, Nsu yɛɛ den sɛ bo;
Sukɔtweaa tɔɔ kɛse, Ͻtɔɔ kɛse gui,
Awɔb're no mfimfin' Tete b'rem'
[V2]
Na abɔfo dɔm pii Ahyia mu wɔ hɔ,
Kerubim, Serafim Hyiaa mu wɔ 'wim hɔ;
Nanso Ne na no de, N'anigye mu no,
ɔsɔree Dɔfo no, Few N'ano.
Na abɔfo dɔm pii Ahyia mu wɔ hɔ,
Kerubim, Serafim Hyiaa mu wɔ 'wim hɔ;
Nanso Ne na no de, N'anigye mu no,
ɔsɔree Dɔfo no, Few N'ano.
[V3]
Dɛn na memfa mma No, Ohiani sɛ me?
Sɛ meyɛ guanhwɛfō a 'Nka mɛma 'guammaa;
Sɛ meyɛ nyansafō a 'Nka meyɛm' fam' de,
Dɛn na metum' ama? Me Koma.
Dɛn na memfa mma No, Ohiani sɛ me?
Sɛ meyɛ guanhwɛfō a 'Nka mɛma 'guammaa;
Sɛ meyɛ nyansafō a 'Nka meyɛm' fam' de,
Dɛn na metum' ama? Me Koma.