Back to Memeneda Akwanhwefo Nnwom List Memeneda Akwanhwefo Nnwom #118

Hymn 118 Bųronya Da No Abɔfo No

[V1]
Bųronya da no abɔfo no
Ka ky'rɛɛ nguanhwɛfo wɔ sar' so;
Wɔwɔ sar' so rehwɛ wɔn nguan,
Awɔb'rem 'nadwo sum bi mu
**Nnyeso**
Bųronya, bųronya, bųronya, bųronya,
Wɔawo Israel Hene no.

[V2]

Wɔhwɛɛ soro huu ns'romma bi
Sɛ ɛhy'rɛn apuei aky'riky'ri,
Na ɛmaa 'sase hy'rɛn kɛse,
Ͻtoaa so awia ne 'nadwo.

[V3]

Na saa ns'romma no hann mu no,
Nyansafo baasa fi aky'ri bae,
Sɛ wɔrebɛhwehwɛ hen' no.
Na wodii ns'romma no akyi.

[V4]

Ns'romma no bɛn 'tifi atɔe fam,
Ͻhomee wɔ Betlehem so;
'Hɔ na egyinae prɛko pɛ,
Faako a na Yesu da no.

[V5]

Nyansafo baasa no hyɛn mu,
Na wɔde 'nidi sɔree No;
Wɔde 'kyɛde mae N'anim hɔ:
Sika, korɔbɔ ne 'duhwam.

118. Bųronya Da No Abɔfo No

Link copied to clipboard successfully!