Back to Memeneda Akwanhwefo Nnwom List
Memeneda Akwanhwefo Nnwom #116
Hymn 116 Wɔwoo No Agya No Dɔ Mu
[V1]
Wɔwoo No Agya no dɔ mu
Ansa na ɔbɔɔ wiase;
ɔne Alfa ne Omega;
Mɔfiase ne awiei no.
Nneemá a ɛwɔ hɔ, nea atwam,
Ne nea daakye yebehu
Daapem ne daapem nyinaa.
Wɔwoo No Agya no dɔ mu
Ansa na ɔbɔɔ wiase;
ɔne Alfa ne Omega;
Mɔfiase ne awiei no.
Nneemá a ɛwɔ hɔ, nea atwam,
Ne nea daakye yebehu
Daapem ne daapem nyinaa.
[V2]
ɔs'rofo nyinaa monsom No,
Abɔfo nto N'ayeyi;
Tumi nyinaa nkoto N'anim,
Momma yɛn Nyame Hen' so
Ͻnsɛ sɛ tɛkrɛma yɛ komm.
Ͻnne nyinaa mmom nto dwom
Daapem ne daapem nyinaa.
ɔs'rofo nyinaa monsom No,
Abɔfo nto N'ayeyi;
Tumi nyinaa nkoto N'anim,
Momma yɛn Nyame Hen' so
Ͻnsɛ sɛ tɛkrɛma yɛ komm.
Ͻnne nyinaa mmom nto dwom
Daapem ne daapem nyinaa.
[V3]
Kristo, Wo ne Agya Nyame,
Ne Wo, Honhom Kronkron no
Yɛde nnwonto, ne aseda,
Ne yɛn ayeyi ma Mo;
'Nidi, 'nuonyam ne ahenni
Ne nkonimdi yɛ Mo de
Daapem ne daapem nyinaa.
Kristo, Wo ne Agya Nyame,
Ne Wo, Honhom Kronkron no
Yɛde nnwonto, ne aseda,
Ne yɛn ayeyi ma Mo;
'Nidi, 'nuonyam ne ahenni
Ne nkonimdi yɛ Mo de
Daapem ne daapem nyinaa.