Back to Memeneda Akwanhwefo Nnwom List Memeneda Akwanhwefo Nnwom #107

Hymn 107 Nyame Nam Ahintasɛm So

[V1]
Nyame Nam Ahintasɛm So
N'ɔyɛ N'anwanwade;
ɔde N'anammɔn sisi pom',
ɔnante ahum so.

[V2]

Mo ahotefo, munnsuro
Mununkum huhu no,
Mmɔb'rɔhun' wom, na ɛbɛtew
De nhyira ama mo.

[V3]

Mommpɛ ntɛm mmmu Aw'rade ntɛn,
Mmom, montwere Ne dom;
Na kwan a emu yɛ yaw no
Bɛdan anigye kwan.

[V4]

N'atirimpɔ bɛba mu ntɛm
Dɔnhwerew biara mu;
Sɛ mfiase yɛ nwene mpo a
Awiei no bɛyɛ dɛ.

[V5]

Akyinnyefo bɛfom ɔkwan,
Wɔrenhu Ne nnwumam';
Nyame n' ɔte N'akwan aseɔ
ɔbɛky'rɛ mu pefee.

107. Nyame Nam Ahintasɛm So

Link copied to clipboard successfully!