Back to Memeneda Akwanhwefo Nnwom List Memeneda Akwanhwefo Nnwom #88

Hymn 88 Mɛto Nyame Tumi Ho Dwom

[V1]
Mɛto Nyame tumi ho dwom,
Nea Ama mmepɔ pue,
Nea ɔde po kɛse trɛw hɔ
Na ɔyɛɛ soro no;
Mɛto nyansá a ɛma owia
Di 'dekyee so n' ho dwom;
W'ahyɛde ma ɔsram hyerɛn,
Na ns'romma nyinaa tie.

[V2]

Mɛto 'W'rade yieyɛ ho dwom,
Nea ɔmaa 'sasč aduan;
ɔde N'asɛm ná ɛbɔɔ ade,
Na ɔkaa sɛ ɛyɛ.
W'ra, sɛnea W'anwanwade te
Nea m'ani ky'rɛ biara!
Sɛ mehwɛ 'sasč a menam so
Anaasɛ ntremu no.

[V3]

Fam ha dua anaa nhw'ren biara
Yi W'anuonyam kyerɛ;
Mununkum ne as'rɔkye nam
W'ahyɛde so sɔre.
Abɔde a wɔn nkwa fi Wo
Nya banbɔ fi Wo nsam;
Nea yebeguan akɔ biara,
Onyankopɔn wɔ hɔ.

88. Mɛto Nyame Tumi Ho Dwom

Link copied to clipboard successfully!