Back to Memeneda Akwanhwefo Nnwom List
Memeneda Akwanhwefo Nnwom #70
Hymn 70 Yi Agya N' Ayɛ
[V1]
Yi Agya n' ayɛ, Ne dɔ ayamye nti,
ɔde tema hwɛ Ne mma bɔn'yɛfo so,
Abɔfo, munyi No ayɛ wɔ soro;
Yi Yehowá ayɛ.
Yi Agya n' ayɛ, Ne dɔ ayamye nti,
ɔde tema hwɛ Ne mma bɔn'yɛfo so,
Abɔfo, munyi No ayɛ wɔ soro;
Yi Yehowá ayɛ.
[V2]
Yi 'Gyenkwa ayɛ, N'ahummɔborɔ so,
ɔde dom hwɛ Ne mma a Wapaw wɔn so.
Mm'rante, mmabaawa, mo mpanin ne mmofra,
Yi 'Gyenkwa ayɛ.
Yi 'Gyenkwa ayɛ, N'ahummɔborɔ so,
ɔde dom hwɛ Ne mma a Wapaw wɔn so.
Mm'rante, mmabaawa, mo mpanin ne mmofra,
Yi 'Gyenkwa ayɛ.
[V3]
Yi Honhom n'ayɛ, Israel Kyigy'nafo no
Nea wɔde No mae sɛ ɔmmɛhy'ra yɛn no,
Yi Agya, ɔba, Honhom Kronkron n'ayɛ.
Yi Baasa n'ayɛ.
Yi Honhom n'ayɛ, Israel Kyigy'nafo no
Nea wɔde No mae sɛ ɔmmɛhy'ra yɛn no,
Yi Agya, ɔba, Honhom Kronkron n'ayɛ.
Yi Baasa n'ayɛ.