Back to Memeneda Akwanhwefo Nnwom List Memeneda Akwanhwefo Nnwom #53

Hymn 53 Nyame, Miyi W'ayɛ 'nadwo 'i

[V1]
Nyame, miyi W'ayɛ 'nadwo 'i,
Adekyee mu nhy'ra nyinaa nti;
Fa me sie, ahen' mu Hene,
Wɔ Wo ntaban kɛsɛ n' ase!

[V2]

'Wura, fa me bɔne kyɛ me
Nnɛ da yim', Wo dɔ Ba no nti;
Na me ne wiase ne Wo ntam
Ayɛ dwoo ansa na mada.

[V3]

O, ma me kra nhome Wo mu,
Na m'ani nkata nna pa mu;
Nna a ɛbɛma me 'hoɔden,
Na masɔre asom Nyame.

[V4]

'Domfo Nyame, munyi N'ayɛ
Asase mma, munyi N'ayɛ
ɔs'ro dɔm, munyi No ayɛ;
Agya, 'Ba, ne Honhom Kronkron.

53. Nyame, Miyi W'ayɛ 'nadwo 'i

Link copied to clipboard successfully!