Back to Memeneda Akwanhwefo Nnwom List Memeneda Akwanhwefo Nnwom #13

Hymn 13 Nnwom Foforo Na Monto

[V1]
Nnwom foforo na monto mma No,
Nea Wayɛ anwanwade no.
ɔdɔ di hen' wɔ daa 'nuonyam mu:
Mommɛkamfo Otumfo no.
Wama wɔahu Ne nkwagne kɛsɛn',
N'adofo ny'naa di ho 'h'rusi:
Wayi Ne daa trenee no adi
Wɔ amanaman ny'naa anim.

[V2]

Ah'rusi ne 'hosɛpɛ kɛsɛm',
Ma sanku ne ɛnne biara
Nto dom a abu so ho 'yeyi,
Sɛ wiase ny'naa nni ah'rusi.
Momfa torobɛnto ne sanku
Nto dwom mma ɔsoro nnyigye.
Asase ne po mu nneɛma ny'naa
Monto dwom mma mo Hen' kɛse n'.

[V3]

Nsuten ne po a ɛreworo,
Monhyɛ Aw'rade anuonyam.
Mmepɔ ne mmotan nso monsɔre,
Monto dwom nyi Ne din ayɛ.
Trenee, mudi ne 'nuonyam wɔ No,
Ayeyi bɛyɛ Ne de daa.
Yɛn Nyame tene, Nea Ne nokwar'
De wiase tim hɔ asomdwoe m'.

13. Nnwom Foforo Na Monto

Link copied to clipboard successfully!