Back to Memeneda Akwanhwefo Nnwom List Memeneda Akwanhwefo Nnwom #716

Hymn 716 N21 Pleasant are Thy Court

[V1]
Wo s´ro abangua yε fε,
Wɔ hann ne dɔ man no mu;
Wo fam abangua yε fε,
Bɔne ne yaw man yi mu:
O ɔdomfo Nyankopɔn,
Me mu honhom kɔn adɔ
Ahotefo nkɔmmɔdi
W´anim hy´rεn ne Wo mayε.

[V2]

N-hyira ne nnomaa a
Wokyin Wo mmuka ho hyia;
N-hyira ne nka a
Wɔhome Agya kokom´;
Wɔte sε b´rɔnoma a
Wannya homebea fam ha:
Wotum´ san kɔ ´daka nom´,
Kɔhome wɔ ɔdεw mu.

[V3]

´Kra ´nigyefo ´yeyi sen
Wɔ mmusu bon yi mu mpo;
N-su pue wɔ sare so,
Mana fi soro yεn wɔn;
Wonya ´hoɔden tu wɔn kwan,
Bedu W´ahengua no,
Hwe Wo nan ase som Wo,
Sε Wo na Woagye wɔn dwoo.

[V4]

´Wura, ma ensi me sa:
Boa me bɔn´ wiase yi mu;
Fa me sie Wo nkyεn trabea:
Woyε ´Wia ne akokyεm,
Mma me koma n-to kwan;
´Dom ne ´nuonyam fi Wo hɔ,
O ´Wura, hwie gu me so.

716. N21 Pleasant are Thy Court

Link copied to clipboard successfully!