Back to Memeneda Akwanhwefo Nnwom List Memeneda Akwanhwefo Nnwom #700

Hymn 700 N5 Hark, My Soul It Is

[V1]
Me kra, tie na Aw'rade-a;
W'Agyenkwa no a tie N'asεm;
Yesu si so ka ky'rε w' sε,
“Bɔn'yεfo wodɔ Me anaa?”

[V2]

Wodaa dua mu, Mituu wo,
Wupirae, Meyεεw' ad'ru;
Wobεε ko, Mehwehwεε wo,
Memaa wo sum no dan' hann.

[V3]

Ɔbaatan betum' agyae
Sε ɔrenhwε ne ba bio?
Yiw, ne w'rε betum' afi,
Nanso Me de, Mεkae wo

[V4]

Me dε no ɔnsakra da,
Ɛkorɔn sen s'ro mmepɔ
Emu dɔ sen bun nyinaa
Emu yε den sε owu.

[V5]

Ow'ra, me nkɔmmɔ tit'riw
Ne sε me dɔ no yε mm'rεw,
Nanso medɔ Wo, kotoW',
Ma minnya dom mfa nnɔW' yie.

700. N5 Hark, My Soul It Is

Link copied to clipboard successfully!