Back to Memeneda Akwanhwefo Nnwom List Memeneda Akwanhwefo Nnwom #697

Hymn 697 N2 My Heart and Voice

[V1]
Mede koma na nne
Ka ‘Gyenkwa ‘yeyi ky'rε-
Ma obiara nka N'ayeyi;
Wiase nyinaa Wura,
N'asεm mu tumi so
Na wɔnam bɔɔ wiase nyinaa.

[V2]

Ɔfaa akoa tebea
Na nipadua mu na
Ɔsoaa yεn mmusu kɔɔ Kalbre:
Ɔyεε afɔr'bɔde,
Hwiee Ne mogya kronkron
Gu de gyee bɔne mu nnomum.

[V3]

Ankyε ɔsɔre dii
N'atanfo so nkonim,
De wɔn guu mpokyerε mu na
Odw'riw wɔn ahenni,
Maa wɔgye too mu sε:
“Kristo di ade nyinaa so”

[V4]

N'ahenni reba ntεm,
Ne trenee bεda adi
‘Sase so sεnea εyε s'ro;
Nea oguan toa Kristo,
Benya Ne nkyεn ɔgye,
Na wahu Ne nkwagye nyinaa.

697. N2 My Heart and Voice

Link copied to clipboard successfully!